Lyrics
yen ara asaase ni lyrics
Yɛn ara asaase ni;
Ɛyɛ abɔ den den de ma yεn,
Mogya a nananom hwie gu
Nya de to hɔ ma yɛn,
Aduru me ne wo nso so,
Sε yɛbɛyɛ bi atoa so.
Nimdeɛ ntraso, nkoto-kranne;
Ne pɛsɛmenkomenya,
Adi yɛn bra mu dεm,
Ama yɛn asaase hɔ dɔ atomu sɛ.
Ɔman no, sɛ ɛbɛ yɛ yie o!
Ɔman no, sɛ ɛrenyɛ yie o!
Ɛyɛ nsɛ nahɔ sɛ,
Ɔmanfo bra na ɛkyerɛ. (x2)
Nhoma nimdeɛ huhugyan,
Ngyan ana ade anyara kwa;
Ne ɔbrakyew de ɛsɛe,
Ɔman na ɛbɔ no ahohora;
Asoɔmerɛ ne obupa yɔnko yiyɛ di pɛ daa,
Ahofama ntetekwaam ma nnipa biara yiyɛ de;
Ɛno mmom na ɛde asomdwee
Ne nkɔsoɔ pa brɛ ɔman.